Psalms 26

Dawid dwom.


1 Bu me bem, Awurade,
efisɛ, mabɔ bra a asɛm nni ho:
mede me ho too Awurade so
na manhinhim.

2 Sɔ me hwɛ, Awurade,
hwehwɛ me koma ne mʼadwene mu.

3 Wʼadɔe wɔ mʼanim daa
na mɛnantew wo nokware mu.


4 Me ne nnaadaafo ntena
na me ne nyaatwomfo nso nni hwee yɛ.

5 Mikyi nnebɔneyɛfo guabɔ
na mempɛ sɛ me ne amumɔyɛfo tena.

6 Mehohoro me nsa wɔ bembu mu,
na mekɔ wʼafɔremuka ho ahyia, Awurade,

7 na mepae mu ka wʼayeyi
na meka wʼanwonwade nyinaa.


8 Mʼani gye ofi a wote mu ho, Awurade,
faako a wʼanuonyam wɔ no.

9 Mfa me kra nka nnebɔneyɛfo de ho nkɔ,
ne me nkwa nka mogyapɛfo de ho,

10 wɔn a amumɔyɛ nhyehyɛe wɔ wɔn nsam
na adanmude ayɛ wɔn nsa nifa ma.


11 Nanso mebɔ ɔbra a ho tew;
hu me mmɔbɔ na gye me nkwa.


12 Mʼanan sisi asase tamaa so;
na guabɔ kɛse ase na mɛkamfo Awurade.
Copyright information for TwiAKNA